No. 222
Tie Sɛ Nsanku Ne Nne Mpem Du
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Tie sɛ nsanku ne nne mpem du To ayeyi nnwom wɔ s'ro; Yesu di hen', s'rofo di dɛw, Ɔdɔ Nyame no di hen'; Hwɛ, Ɔte 'hengua so s'ro; Yesu nko di wiase so; Haleluya! haleluya! haleluya! Amen!
Verse 2
Anuonyam Hene, di hen' daa, W'ahenkyɛw no wɔ hɔ daa; B'ribiara ntumi nte wɔn a Woagye wɔn ne Wo dɔ ntam; Wɔn a Wode dom gyee wɔn Sɛ sɛ wobehu W'anim: Haleluya! haleluya! haleluya! Amen!
Verse 3
Agyenkwa, ma Wo mmae nyɛ ntɛm, Ma W'anuonyam da no mm'ra; B're` a wɔbɛte nteam nwanwa no, S'ro ne asase betwam: Na yɛde sika nsanku Bɛto: 'Nuonyam nka yɛn Hen'. Haleluya! haleluya! haleluya! Amen!
English Lyrics
Verse 1
Hark! ten thousand harps and voices Sound the note of praise above; Jesus reigns, and heaven rejoices, Jesus reigns, the God of love: See, He sits on yonder throne; Jesus rules the world alone. Alleluia! Alleluia! Alleluia! Amen.
Verse 2
King of glory, reign forever, Thine an everlasting crown; Nothing from Thy love shall sever Those whom Thou hast made Thine own; Happy objects of Thy grace, Destined to behold Thy face. Alleluia! Alleluia! Alleluia! Amen.
Verse 3
Savior, hasten Thine appearing; Bring, O bring the glorious day, When, the awful summons hearing, Heaven and earth shall pass away: Then, with golden harps we'll sing, 'Glory, glory to our King!' Alleluia! Alleluia! Alleluia! Amen.