No. 223
Monhyɛn' Ahenkyɛw Pii
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
MonhyɛN' ahenkyɛw pii, 'Guammaan' te N'agua so; Tie! Sɛnea soro dwom rehim, Ɛka nnwom nyinaa hyɛ; Me kra, nyan, na to Nea Owu maa wo ho dwom, Na kamfo wo Hen' kɛse no Mmeresanten nyinaa.
Verse 2
Monhyɛ dɔ Nyame kyɛw! Hwɛ Ne nsa ne Ne mfem, N'apiratwa no ho da hɔ, Ɛhyɛ No anuonyam; Na ɔbɔfo biara Ntumi nhwɛ ade yi Na mmom osi ne ti ase 'Hintasɛm kɛsen' ho.
Verse 3
Monhyɛ 'Somdwoe Hen' kyɛw, Nea Ohim 'hempoma Wiase nyinaa ma ako gyae Dan yɛ ayeyi nko, N'ahenni to ntwa da; Na Ne nan ase hɔ, Paradise nhwiren tu hua A ano yɛ nnam daa.
Verse 4
Monhyɛ daa Nyame kyɛw, Bɛkyebo Hene no, Wiase nyinaa Bɔfo ne no; Ne kɛseyɛ wɔnka! Mo! Odimafo, mo! Sɛ Woawu ama me; W'ayeyi no to rentwa da Ɛbɛtra hɔ daa daa.
English Lyrics
Verse 1
Crown him with many crowns, The Lamb upon his throne, Hark! how the heavenly anthem drowns All music but its own. Awake, my soul, and sing Of him who died for thee, And hail him as thy matchless King Through all eternity.
Verse 2
Crown him the Lord of love! Behold his hands and side, Those wounds, yet visible above, In beauty glorified; No angel in the sky Can fully bear that sight, But downward bend his wondering eye At mysteries so great.
Verse 3
Crown him the Lord of peace! Whose had a scepter swaysFrom pole to pole, that wars may cease, And all be prayer and praise. His reign shall know no end, And round his pierced feet Fair flowers of paradise extend Their fragrance ever sweet.
Verse 4
Crown him the Lord of years; The potentate of time, Creator of the rolling spheres, Ineffably sublime! All hail, Redeemer, hail! For thou hast died for me; Thy praise shall never, never fail Throughout eternity.