No. 224
Monhwehwɛ 'Henni N' Kan, Mò
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Monhwehwɛ 'henni n' kan, mo` Agya 'pɛde ni; Saa na Yesu frɛ yɛn sɛ yenni N'akyi; 'Gyenkwa, yebetie Wo ahwehwɛ ahu W' Na ɔbra 'kwantu yim' yɛayɛ W'asuafo.
Verse 2
Sɛnea ɛte sɛ 'gyapade` a ahinta A nnipa hu a wɔtɔn nea wɔwɔ ny'naa; Saa na yehu 'henni no ho 'nisoade` a Ne nnepa ne ne fɛ ny'naa bɛyɛ yɛn de.
Verse 3
Sɛnea mmɔkaw yɛ n'adwuma wɔ kokoam', Anaa aba nyin 'nadwo ne awia no, Saa na Aw'rade, ma W'asɛm ntra yɛn mu, Na yenya 'somdwoe ne W'ahennim' tumi.
Verse 4
Sɛnea dua ketewa bi nyin yɛ kɛse, Na soro nnomaa kogu ne mman so no; Saa na Nyame mma fi apuei ne` atɔe Bɛboa wɔn ano N'ahennim' ahome.
Verse 5
'Hobrɛasefo ne ahiafo bedi hen', Wɔbɛba fie sɛ 'bofrá a wɔawon' Wo mu; Akwantufo de 'hosɛpɛ bedu hɔ; Monhwɛ Nyame Teasefo n' nuonyam 'henni.
English Lyrics
Verse 1
Seek ye first the kingdom, ‘Tis your Father’s will So the voice of Jesus bids us follow still. Savior, we would hear Thee, Follow, find, and see; And in life’s adventure Thy disciples be.
Verse 2
As for hidden treasure, Or for matchless pearl, When at last discovered, some will sell their all: So, when breaks the vision of that kingdom fair, Ours shall be its riches And its beauty rare.
Verse 3
As the silent leaven works its secret way, Or as grows the seed grain through the night and day; Lord, so be the increase, peaceable but sure, Of Thy word within us, And Thy kingdom’s power
Verse 4
As the tender seedling grows up tall and strong, And the birds of heaven to its branches throng; So shall all God’s children, from the east and west, Gather to His kingdom, In its shadow rest.
Verse 5
Humblest shall be greatest, poor in spirit reign; Home shall come the childlike, born through Thee again; Eager hearts arrive there on the pilgrim’s road, Hail! The kingdom glorious Of the living God!