No. 225
Nyame Da N'At'Rimpɔ Adi
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nyame da N'at'rimpɔ adi B're a mfe resen no; Nyame da N'at'rimpɔ adi Na b're no retwe bɛn; Twe ara na ɛretwe bɛn Etwa sɛ ɛba'ra; B're` a Nyame anuonyam bɛhyɛ 'sase so ma, Sɛnea nsu ayɛ po ma no.
Verse 2
Efi apuei de kɔ atɔe- Nea nnipa tia biara; Nyame nam 'somafo pii so Kasa ky'rɛ aman ny'naa. Monyɛ aso ntie me, mo nsase Ne mo nsupɔw no ny'naa; Sɛ Nyame anuonyam bɛhyɛ 'sase so ma, Sɛnea nsu ayɛ po ma no.
Verse 3
Yɛrekɔ wɔ Nyame tumim', Kristo frankaa di` anim; Na 'nuonyam asɛmpa hann no Ahy'rɛn wɔ wiase ny'naa; Yɛko wɔ 'w'rɛhow ne bɔnem' Ma nnommum faw'hodi; Na Nyame anuonyam ahyɛ 'sase so ma, Sɛnea nsu ayɛ po ma no.
Verse 4
Nea yetum' yɛ biara nni mu Gye sɛ Nyame hy'ra so; Nyame amma aba no nkwá a Yɛrennya hwee twab'rem; Twe ara na ɛretwe bɛn, Etwa sɛ ɛba'ra; B're` a Nyame anuonyam bɛhyɛ 'sase so ma, Sɛnea nsu ayɛ po ma no.
English Lyrics
Verse 1
God is working His purpose out As year succeeds to year; God is working his purpose out, And the time is drawing near; Nearer and nearer draws the time, The time that shall surely be, When the earth shall be filled With the glory of God As the waters cover the sea.
Verse 2
From utmost east to utmost west, Where'er man's foot hath trod, By the mouth of many messengers Goes forth the voice of God: Give ear to Me, ye continents, Ye isles, give ear to Me,” That the earth may be filled With the glory of God As the waters cover the sea.
Verse 3
March we forth in the strength of God, With the banner of Christ unfurled, That the light of the glorious gospel of truth May shine throughout the world; Fight we the fight with sorrow and sin To set their captives free, That the earth may be filled With the glory of God As the waters cover the sea.
Verse 4
All we can do is nothing worth Unless God blesses the deed; Vainly we hope for the harvest-tide Till God gives life to the seed; Yet near and nearer draws the time, The time that shall surely be, When the earth shall be filled With the glory of God As the waters cover the sea.