No. 226
Momma Mo Ti So, 'Ponkɛse!
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Momma mo ti so, 'ponkɛse! Hwɛ sɛ 'nuonyam Hen' no retwɛn; Ahene mu Hen' no rebɛn, Wiase Agyenkwa no wɔ ha.
Verse 2
'W'rade tene, Ɔyɛ boafo; Mmɔb'rɔhun' wɔ Ne nkyɛn daa daa; Na kronkronyɛ ne N'ahenkyɛw; Haw mu tema ne Ne poma.
Verse 3
Nhyira nka ɔman ne kuro A wɔbɔ Ɔ!hen' Kristo din: 'Nigye nka koma ne fie a Ɔhen' yi ba mu nkonimdim'.
Verse 4
Bue wo koma pon mu ma No; Yɛ no asɔr'fie a wɔatew ho Ama ɔsoro dwumadi; Nea mpaebɔ, 'dɔ ne 'nigye wom.
Verse 5
Ɔgyefo, bra me koma mu, Mibue sɛ bɛtra mu, 'Wura; Ma mente Wo nka wɔ me mu, Yi W' dom ne dɔ adi ky'rɛ me.
English Lyrics
Verse 1
Lift up your heads, ye mighty gates; Behold, the King of glory waits; The King of kings is drawing near; The Savior of the world is here!
Verse 2
The Lord is just, a helper tried Mercy is ever at His side; His kingly crown is holiness, His scepter, pity in distress.
Verse 3
O blest the land, the city blest, Where Christ the Ruler is confessed! O happy hearts and happy homes To whom this King in triumph comes!
Verse 4
Fling wide the portals of your heart; Make it a temple, set apart From earthly use for happy homes, To whom this King in triumph comes!
Verse 5
Redeemer, come, I open wide My hearts to Thee here, Lord abide.Let us Thy inner presence feel; Thy grace and love in me reveal.