No. 230
Nuonyam, 'Nidi Ne Nkamfo
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
'Nuonyam, 'nidi ne nkamfo Nka Wo, Ɔhen' Gyefo; Wo na mmofra de wɔn nne Too hosana maa Wo; Wo a Woyɛ Israel Hen' Dawid dehye kronkron; Nea Ɔba 'W'rade din mu, Ɔhen' a wɔahy'ra Wo.
Verse 2
Abɔfodɔm no nyinaa Yi Wo ayɛ wɔ s'ro; Na nnipa ne abɔde Nyinaa nso gye wɔn so; Hebrifo mma de berɛw Bɔɔ ose dii W'anim; Yɛn ayeyi ne mpaebɔ Na yɛde ba W'anim.
Verse 3
Ansa na Worekowun' Wɔtoo 'yeyi nnwom maaW'; Afei a wɔamaW' so yi, Yɛto yɛn dwom ma Wo; Wogyee wɔn ayeyi nnwom, Gye yɛn nso ayeyi; Wo a papa na Wopɛ, Ɔhene dɛɛfo pa.
English Lyrics
Verse 1
All glory, laud, and honor, To thee, Redeemer, King, To whom the lips of children Made sweet hosannas ring. Thou art the King of Israel, Thou David's royal Son, Who in the Lord's name comest, The King and Blessed One.
Verse 2
The company of angels Are praising thee on high, And we with all creation In chorus make reply. The people of the Hebrews With psalms before thee went; Our prayer and praise and anthems Before thee we present.
Verse 3
To thee, before thy passion, They sang their hymns of praise; To thee, now high exalted, Our melody we raise. Thou didst accept their praises; Accept the prayers we bring, Who in all good delightest, Thou good and gracious King.