No. 231
Nhyira Ne Ɔhen' A
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
N-hyira ne Ɔhen' a Ɔba Nyame din mu; Ma apon ny'naa mmue mma No, Na koma nyɛ saa'ra; Wanhyɛ 'henni atade Amma no kɛseyɛm' Mmom Ɔbaa sɛ ohiani-'Yi ky'rɛ N'ahobrɛase.
Verse 2
N-hyira ne Ɔhen' a Ɔba Nyame din mu, Wɔn a wotie nokwarem, Te Ne nne yie ampa; 'Hantanfo a wɔmpɛ sɛ Wotie Kristo a Ɔyɛ Bɔhyɛ ne 'Patafo no, Hu wɔn ny'naa nso mmɔbɔ.
Verse 3
N-hyira ne Ɔhen' a Ɔba Nyame din mu, Ɔno na Oyi Nyame Kyerɛ 'hobrɛasefo. Tumi ne 'nuonyam wɔ No, Nneɛma ny'naa wɔ Ne nsam Mmere ne nnipa ny'naa nso, Kosi sɛ b're bɛsa.
Verse 4
N-hyira ne Ɔhen' a Ɔba Nyame din mu; Wɔn a wɔso nnesoa no, Wonya 'dom ne home! Ɔdwo, Ɔbrɛ ne h? ase Ne kɔndua yɛ hare, Ɔbɛboa ama yɛasoa, Na yɛanya 'hofadi.
English Lyrics
Verse 1
Blest be the King whose coming Is in the name of God! For Him let doors be opened, No hearts against Him barred! Not robed in royal splendor, In power and pomp comes He; But clad as are the poorest, Such His humility.
Verse 2
Blest be the King whose coming Is in the name of God! By those who truly listen His voice is truly heard; Pity the proud and haughty, Who have not learned to heed The Christ who is the promise, Who has atonement made.
Verse 3
Blest be the King whose coming Is in the name of God! He only to the humble Reveals the face of God. All power is His, all glory! All things are in His hand, All ages and all peoples, 'Till time itself shall end.
Verse 4
Blest be the King whose coming Is in the name of God! He offers to the burdened The rest and grace they need. Gentle is He and humble! And light His Yoke shall be, For He would have us bear it, So He can made us free!