No. 232
Nkotodwe Ny'Naa Nkoto Wɔ Yesu Din Mu
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nkotodwe ny'naa nkoto Wɔ Yesu din mu; Tɛkrɛma ny'naa nka sɛ Ɔyɛ 'nuonyam Hen! Ɛyɛ Agya no pɛ Sɛ yɛmfrɛ No W'ra; Ɔ'na Ofi mfiase Yɛ Asɛm Tumfo.
Verse 2
Ɛnam N'asɛm so na Ɔbɔɔ ade ny'naa; Soro abɔfodɔm Hann asafo ny'naa; Nhengua ne tumidi, Ɔsoro ns'romma Ne soro nhyehyɛe a Enni ano ny'naa.
Verse 3
Wɔbrɛɛ N'ase kakra; S'Obenya din bi Afi 'bɔnefo` ano, Wɔn nti na Ɔbae; Ɔyɛ 'Gyenkwa Nyame Aw'rade Kristo, Nea 'sɛ sɛ wɔsom No Na wɔtwer' No daa.
Verse 4
MunsiN' hen' mo komam' Na momma Onni Nea ɛntene biara Ne at'rɔ ny'naa so; Monhyɛ No mo Sahen' Wɔ sɔhwɛ b're mu; Momfa Ne pɛ nnante Ne hann tumi mu.
Verse 5
Yiw, saa 'W'ra Yesu yi Bɛsan aba bio Wɔ N'agya 'nuonyam mu Ne N'abɔfodɔm; Wɔde ahenni ny'naa 'Henkyɛw ahyɛ No, Ma yɛn koma nka sɛ Ɔyɛ 'nuonyam Hen'.
English Lyrics
Verse 1
At the Name of Jesus, Every knee shall bow, Every tongue confess Him King of glory now; 'Tis the Father's pleasure We should call Him Lord, Who from the beginning Was the mighty Word.
Verse 2
At His voice creation Sprang at once to sight, All the angel faces, All the hosts of light, Thrones and dominations, Stars upon their way, All the heavenly orders, In their great array.
Verse 3
Humbled for a season, To receive a name From the lips of sinners Unto whom He came, He is God the Savior, He is Christ the Lord, Ever to be worshipped, Trusted and adored.
Verse 4
In your hearts enthrone Him; There let Him subdue All that is not holy, All that is not true; Crown Him as your Captain In temptation's hour; Let His will enfold you In its light and power.
Verse 5
Surely, this Lord Jesus Shall return again, With His Father's glory With His angel train; For all wreaths of empire Meet upon His brow, And our hearts confess Him King of glory now