No. 248
Senea Medɔ Yesu
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Din bi wɔ hɔ a me kɔn dɔ Sɛ mɛto ɛho dwom; Egyigye m'asom sɛ sanku, Ɛyɛ dɛ sen din ny'naa.
Chorus
Sɛnea medɔ Yesu, Sɛnea medɔ Yesu, Sɛnea medɔ Yesu, Sɛ Odii kan dɔɔ me.
Verse 2
Ɛka Agyenkwa dɔ ky'rɛ me, Nea Owu gyee me nkwa; Ɛky'rɛ me Ne mogya dehye Nea 'pata bɔne no.
Verse 3
Ɛky'rɛ me Nea Ne dɔ koma Te me mu yaw no nka; Ɔno na Ɔsoa yɛn yaw a Obi ntum' nsoa fam ha.
English Lyrics
Verse 1
There is a Name I love to hear, I love to sing its worth; It sounds like music in my ear, The sweetest name on earth.
Chorus
O how I love Jesus, O how I love Jesus, O how I love Jesus, Because He first loved me!
Verse 2
It tells me of a Savior's love, Who died to set me free; It tells me of His precious blood, The sinner's perfect plea.
Verse 3
It tells of one whose loving heart Can feel my deepest woe; Who in each sorrow bears A part that none can bear below.