No. 249
Yi No Ayɛ! Yesu Yɛn Ponfo
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yi No ayɛ! Yesu yɛn Ponfo hyirafo, Asase, to N'anwanwadɔ ho dwom; Mommɔ No se 'nuonyam mu abɔfo mpanyin, Monhyɛ Ne din kronkron no anuonyam; Yesu bɛhwɛ Ne mma sɛ Oguanhwɛfo, N'abasa so na Ɔsoa wɔn daa daa.
Chorus
Yi No ayɛ! Ka ne kɛseyɛ no kyerɛ; Yi No ayɛ anigye dwom mu daa.
Verse 2
Yi No ayɛ, Yesu yɛn Ponfo hyirafo, Yɛn bɔne nti Ohuu amane wui; Yɛn Botantim, yɛn nkwagye ho anidaso; Mommɔ No 'se, Yesu a wɔsɛn No. Monkamfo No, Yesu a Ɔsoaa yɛn yaw, Ɛyɛ anwanwa dɔ, emu yɛ den.
Verse 3
Yi No ayɛ! Yesu yɛn Ponfo hyirafo, Hosana bɛwosow s'ro apon mu; Yesu yɛn Agyenkwa no di hen afebɔɔ, Monhyɛ No hen', 'Diyifo ne Sɔfo. Kristo reba wiase wɔ nkonimdi mu, Tumi ne anuonyam wɔ Aw'rade.
English Lyrics
Verse 1
Praise Him! praise Him! Jesus, our blessed Redeemer! Sing, O earth, His wonderful love proclaim! Hail Him! hail Him! highest archangels in glory; Strength and honor give to His holy Name! Like a shepherd, Jesus will guard His children, In His arms He carries them all day long;
Chorus
Praise Him! Praise Him! Tell of His excellent greatness. Praise Him! Praise Him! Ever in joyful song!
Verse 2
Praise Him! Praise Him! Jesus, our blessed Redeemer! For our sins He suffered, and bled, and died. He our Rock, our hope of eternal salvation, Hail Him! hail Him! Jesus the Crucified. Sound His praises! Jesus who bore our sorrows, Love unbounded, wonderful, deep and strong.
Verse 3
Praise Him! Praise Him! Jesus, our blessed Redeemer! Heavenly portals loud with hosannas ring! Jesus, Savior, reigneth forever and ever. Crown Him! Crown Him!Prophet, and Priest, and King! Christ is coming! over the world victorious, Power and glory unto the Lord belong.