No. 280
Momma, Nnebɔn'Yɛfo 'Hiafo
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Mommra, nnebɔn'yɛfo 'hiafo, Mm'rɛwyɛfo, 'p'rafo, 'yar'fo; Yesu` ayɛ krado s'Ɔgye mo; Tema, 'dɔ, tum' ayɛN' ma.
Chorus
Mɛsɔre akɔ Yesu n-kyɛn Ɔbɛgye me ayɛm' atuu M'Agyenkwa pa no nsam hɔ na Nnepa mpempem nyinaa wɔ.
Verse 2
Mommra, mo a sukɔm de mo, Monhyɛ 'W'rade 'dom 'nuonyam; Nokwar' gyidi ne ahonu, Yɛ 'dom a ɛtwe mo bɛn.
Verse 3
W'ahonim nti ntwentwɛn koraa, N-so nka sɛ womfata; Nea 'hia ne hu a wubehu, Ne nkate sɛ wo hia No.
Verse 4
Hwɛ! Nyame Ba no wɔ ɔs'ro Redi maw' Ne mogya mu; Twe bɛn No, twe bɛn No daa daa. Mma b'ribiara nsi wo kwan.
English Lyrics
Verse 1
Come, ye sinners poor and needy, Weak and wounded, sick and sore; Jesus ready stands to save you, Full of pity, love, and power.
Chorus
I will arise and go to Jesus, He will embrace me in His arms; In the arms of my dear Savior, O there are ten thousand charms.
Verse 2
Come, ye thirsty, come, and welcome, God's free bounty glorify; True belief and true repentance, Every grace that brings you nigh.
Verse 3
Let not conscience make you linger, Nor of fitness fondly dream; All the fitness He requireth Is to feel your need of Him.
Verse 4
Lo! th'incarnate God, ascended, Pleads the merit of His blood; Venture on Him, venture wholly, Let no other trust intrude.