No. 281
Mede Me Nkwa Maa Wo
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Mede Me nkwa maa wo, Hwiee mogya dehye gui, Sɛ wɔmfa nnye wo nkwa Nnyan wo mfi owu mu. Mede Me nkwa too hɔ maa wo; Dɛn na wode ama Me? Mede Me nkwa too hɔ maa wo; Dɛn na wode ama Me?
Verse 2
M'Agya fie a ɛhy'rɛn, M'anuonyam 'hengua no, Migyaw bɛfaa ha sum Nantebrɛ ne 'w'rɛhowm' Ampa, Migyaw ne ny'naa maa Wo; Dɛn na woagyaw ama me? Ampa, Migyaw ne ny'naa maa Wo; Dɛn na woagyaw ama me?
Verse 3
Mihuu 'mane maa wo, Nea ano ntumi nky'rɛ Yaw a enni kabea De gyeew' fii asaman Ampa, Mesoaa ne ny'naa maa wo; Dɛn na woasoa ama me? Ampa, Mesoaa ne ny'naa maa wo; Dɛn na woasoa ama me?
English Lyrics
Verse 1
I gave My life for thee, My precious blood I shed, That thou might'st ransom be, And quickened from the dead; I gave, I gave My life for thee, What hast thou given for Me? I gave, I gave My life for thee, What hast thou given for Me?
Verse 2
My Fathers house of light, My glory circled throne, I left for earthly night, For wanderings sad and lone; I left, I left it all for thee, Hast thou left aught for Me? I left, I left it all for thee, Hast thou left aught for Me?
Verse 3
I suffered much for thee, More than thy tongue can tell, Of bitterest agony, To rescue thee from hell; I've borne, I've borne it all for thee, What hast thou borne for Me? I've borne, I've borne it all for thee, What hast thou borne for Me?