No. 340
Yɛate Nne Dɛdɛ Bi Sɛ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yɛate nne dɛdɛ bi sɛ, Yesu tumi gye nkwa; Trɛw anigyesɛm no mu, Yesu tumi gye nkwa. Bɔ amanneɛ no mmaa ny'naa Foro mmepɔ na twa po, Onyame se, kɔ anim, Yesu tumi gye nkwa.
Verse 2
Ma 's'rɔkye mmɔ no brɛoo sɛ Yesu tumi gye nkwa; Ma bɔnefo nyinaa nte, Yesu tumi gye nkwa; Ɛpo so nsupɔw monto, Na po abodan nnye so, 'Sase bedi ah'rusi, Yesu tumi gye nkwa.
Verse 3
To bua akosɛm no so, Yesu tumi gye nkwa; Ne wu ne Ne daa nkwa nti, Yesu tumi gye nkwa; To no brɛoo wɔ ɔhaw mu B're a koma hwehwɛ 'dom To di owu so nkonim, Yesu tumi gye nkwa.
Verse 4
;Ma ɛnne nwosow kɛse, Yesu tumi gye nkwa: Ma aman ani nnye nnɛ, Yesu tumi gye nkwa. Teɛm ka nkwagye ho asɛm Nkoko so ne ntok'ru mu Yɛn nkonimdi dwom ne sɛ, Yesu tumi gye nkwa.
English Lyrics
Verse 1
We have heard a joyful sound, Jesus saves, Jesus saves; Spread the gladness all around, Jesus saves, Jesus saves; Bear the news to every land, Climb the steeps and cross the waves, Onward, ‘tis our Lord’s comand Jesus saves, Jesus saves.
Verse 2
Waft it on the rolling tide, Jesus saves, Jesus saves; Tell to sinners, far and wide, Jesus saves, Jesus saves; Sing, ye islands of the sea. Echo back, ye ocean caves, Earth shall keep her jubilee, Jesus saves, Jesus saves.
Verse 3
Sing above the battles strife, Jesus saves, Jesus saves; By His death and endless life, Jesus saves, Jesus saves; Sing it softly through the gloom, When the heart for mercy craves, Sing in triumph o’er the tomb, Jesus saves, Jesus saves.
Verse 4
Give the winds a mighty voice, Jesus saves, Jesus saves; Let the nations now rejoice, Jesus saves, Jesus saves; Shout salvation full and free, Highest hills and deepest caves, This our song of victory,Jesus saves, Jesus saves.