No. 341
Anuonyam Nka Nyame, Nea Waye
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Anuonyam nka Nyame, nea Wayɛ no so, Sɛ Ɔdɔɔ wiase de Ne Ba no kyɛɛ yɛn; Na Ɔde Ne nkwa yɛɛ bɔne ho mpata, Na Obuee nkwa pon sɛ emu na yɛnhyɛn.
Chorus
Yi Aw'rade ayɛ, ma 'sase nte Ne nne; Yi Aw'rade ayɛ, ma amansan 'ni nnye, Momfa 'Ba Yesu so mmra Agya no nkyɛn; Monhyɛ No anuonyam na nea Wayɛ so.
Verse 2
Nkwagye a edi mu mogya atɔde, Ɛyɛ Nyame bɔhyɛ ma nea ɔgye di; Bɔn'yɛfo a ɔgye di nokwarem no, Nya Yesu nkyɛn faf'ri amonom hɔ ara.
Verse 3
Nea Wakyerɛ yɛn ne nea Wayɛ no so, Yɛn anigye so wɔ Ɔba Yesu mu; Nanso dá a yebehu Yesu anim no, Ɛbɛyɛ nwanwa, yɛn ani bɛgye pii.
English Lyrics
Verse 1
To God be the glory, great things He hath done! So loved He the world that He gave us His Son, Who yielded His life an atonement for sin, And opened the lifegate that all may go in.
Chorus
Praise the Lord, praise the Lord, Let the earth hear His voice! Praise the Lord, praise the Lord, Let the people rejoice! O come to the Father thru Jesus the Son, And give Him the glory, great things He hath done!
Verse 2
O perfect redemption, the purchase of blood, To every believer the promise of God; The vilest offender who truly believes, That moment from Jesus a pardon receives.
Verse 3
Great things He hath taught us, great things He Hath done, And great our rejoicing thru Jesus the Son; But purer, and higher, and greater will be Our wonder, our transport, when Jesus we see.