No. 359
Tie! Yesu Nne Gu So Refrɛ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Tie! Yesu nne gu so refrɛ, Hena bɛkɔ 'dwuma nnɛ? M-fuw ab're, twab're adu, Hena n'ɔbɛsoa nnɔbae? Owura no team frɛ dennen, Ɔma akatua pa kwa; Hena n'ɔbɛkan' 'nigyem sɛ, 'Mini, 'Wura, soma me'.
Verse 2
Sɛ worentumi n-twa po Nkɔ wiasefo nsase so a, Wubehu wɔn wo nkyɛn ara, Aboa wɔn wo pon ano; Sɛ wuntumi nyɛ sɛ bɔfo Nka 'sɛmpan' sɛ Paulo a, Wubetum' aka Yesu dɔn', Sɛ Owu maa nnipa ny'naa.
Verse 3
Sɛ worentumi nyɛ wɛmfo Nnyina Sion fasu so, N-kyerɛ ɔsoro kwan no, Mma nkwa ne asomdwoe a, Wubetumi de wo mpaebɔ Ayɛ nea soro hwehwɛ; Wobɛyɛ nokwafo Aaron, Aso 'diyifo no nsa.
Verse 4
Sɛ nnipa akra rewuwu Na Owura frɛ wo a, N-ka anihasɛm bi sɛ, 'Merentumi nyɛ b'ribi!' Gye adwuma no anigyem, Ma N'adwuma nyɛw' nigye; Ɔfrɛ wo a gye so ntɛm sɛ, 'Mini, 'Wura, soma me'.
English Lyrics
Verse 1
Hark! the voice of Jesus calling, 'Who will go and work today? Fields are white, the harvest waiting, Who will bear the sheaves away?' Loud and long the Master calleth, Rich reward He offers free; Who will answer, gladly saying, 'Here am I, Lord, send me'
Verse 2
If you cannot cross the ocean And the heathen lands explore You can find the heathen nearer, You can help them at your door; If you cannot speak like angels, If you cannot preach like Paul, You can tell the love of God Jesus, You can say He died for all.
Verse 3
If you cannot be the watchman, Standing high on Zion's wall, Pointing out the path to heaven, Offering life and peace to all; With your prayer and with your bounties You can do what Heaven demands, You can be like faithful Aaron, Holding up the prophet's hands. 4. While the souls of men are dying, And the Master calls for you. Let none hear you idly saying, 'There is nothing I can do!' Gladly take the task He gives you, Let His work your pleasure be; Answer quickly when He calleth, 'Here am I, O Lord, send me.'