No. 360
Wofi Apuei Mmepɔm'
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Wofi apuei mmepɔm' Nam kwan so reba, Wofi wɔn nyansam' ba N'ahobrɛase fie; Wɔde ahofama Fi aky'rik'ri ba; Wɔn akwantu mu no, Ns'romma ky'rɛɛ wɔn kwan.
Verse 2
Ha na wɔn W'ra 'Gyenkwa A Ɔdwo no da; Hann nwanwa a ɛmaa Wɔn akwanky'rɛ no, Bɛhyerɛn nnɛ ama Aky'riky'ri aman. B're` a ns'romma kwanky'rɛfo De wɔn kɔ fie no.
Verse 3
Fa 'kwantofo bra mu, Wɔn a wɔafom kwan. Fa Wo hann twa wɔn ho Na kyerɛ wɔn kwan; Wɔn a wonnim Wo da, Wɔn a wɔamane, Fa ns'romma kwanky'rɛfo Di wɔn anim bra.
Verse 4
Kosi sɛ man biara, 'Kɛse` anaa kumaa, Bɛba Wo frankaá ase, Yesu di w'akyi, Wɔ 'ky'riky'ri mmepɔ a Ɛkɔ s'ro fie no, Nea bɔne ne 'w'rɛhow Remma hɔ bio no.
English Lyrics
Verse 1
From the eastern mountains Pressing on they come, Wise men in their wisdom, To His humble home; Stirred by deep devotion, Hasting from afar, Every journey onward, Guided by a star.
Verse 2
There their Lord and Saviour, Meek and lowly lay Wondrous light that led them Onward on their way, Ever now to lighten Nations from afar, As they journey homeward, By that guiding star.
Verse 3
Gather in the outcasts All who've gone astray, Throw Thy radiance o'er them, Guide them on their way; Those who never knew Thee, Those who've wandered far, Guide them by the brightness, Of Thy guiding star.
Verse 4
Until every nation, Whether bond or free, ‘Neath Thy starlit banner, Jesus follows thee. O'er the distant mountains, To that heavenly home, Where no sin nor sorrow, Ever more shall come.