No. 361
Tie! Mete 'Guanhwɛfo No Nne
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Tie! mete 'Guanhwɛfo no nne Wɔ sum huhu sare no so; Refrɛ Ne nguan a wɔafom kwan Afi Ne nguanbuwm' kɔ aky'ri
Chorus
Fa wɔn bra, fa wɔn bra, Fa wɔn fi bɔne wuram' bra; Fa wɔn bra, fa wɔn bra, Fa 'kwantofo brɛ Yesu.
Verse 2
Hena bɛboa Guanhwɛfo no Ma Wahwehwɛ akwantofo? Hena de wɔn bɛba buw nom', Nea awɔ bi renne wɔn no?
Verse 3
Tie! Wɔresu sar' so nohoaa, Mmepɔw atenten no so hɔ; Tie! Yɛn Wura reka ky'rɛw' sɛ; Kɔhwehwɛ Me nguan, fa wɔn bra.
English Lyrics
Verse 1
Hark! 'tis the Shepherd's voice I hear, Out in the desert dark and drear, Calling the sheep who've gone astray, Far from the Shepherd's fold away.
Chorus
Bring them in, Bring them in, Bring them in from the fields of sin; Bring them in, Bring them in, Bring then wanderers to Jesus.
Verse 2
Who'll go and help the Shepherd kind, Help Him the wandering ones to find? Who'l bring them back into the fold, Where they'll be shelter from the cold?
Verse 3
Out in the desert hear their cry, Out on the mountain wild and high, Hark! 'tis the Master speaks to thee, Go, find My sheep where'er they be.