No. 41
Nyankopɔn Anuonyam H'Ram A
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nyankopɔn anuonyam h'ran a, Ɛde hann fi daa hann mu ba; Nkwa Hann, nsuti a ɛtè ase, Da pá a ɛde hann ma naa ny'naa.
Verse 2
O, nokwar' 'Wia, W'animtew Mmra yɛn so 'dehyedi hann mu; Honhom no hann a ɛtew ho, Hy'rɛn yɛn fam ha adwen no mu.
Verse 3
'Nigye da a ɛresen no Ma 'dwenemtew sɛ 'nɔpawi, Gyidi te sɛ 'wigyinae hann, B're a 'nadwo sum nhyɛ yɛn kra so.
Verse 4
'Nɔpa 'nuonyam hy'rɛn fam ne wim; Momma 'Nɔpa kronn no nsɔre; Agya no mma hwehwɛ Ne mmoa To N'anuonyam din no ho dwom. Amen.
English Lyrics
Verse 1
O splendor of God's glory bright, From light eternal bringing light; O life, light's living spring, True day, all days illumining.
Verse 2
O Thou true Sun, on nus Thy glance Let fall in royal radiance; The Spirit's sanctifying beam Upon our earthly senses stream.
Verse 3
O joyful be the possing day With thoughts as clear as morning's ray, With faith like noontide shining bright, Our souls unshadowed by the night.
Verse 4
Dawn's glory gilds the earth and skies; Let Him, our perfect morn, arise; The Father's help His children clam, And sing the Father's glorious name. Amen.