No. 417
O Adwempa, So Ebetum'
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
O adwempa, so ebetum' Ayɛ seesei atemmu dɔn A ɛbɛky'rɛ yɛn nkrabea na Asɔ 'bɔnefo sɛɛ ano? Yiw, ɛte sa, 'temmu dɔn no Reba n'awiei ɔhare so; Na Temmufon' befi tumim Abɛtɔ n'atamfo so w're.
Verse 2
Nea Ɔbaa 'sase so bewui, Sɛ nnipa bɔn' ho 'fɔr'bɔde; Na afei Ɔsan fro kɔɔ s'ro, Na Ɔbɛsan aba bio no, Gyina 'daka ne dom agua, Ne Kerubin anim seesei, DeN' mogya srɛ ma hotefo De wie wɔn bɔn' ho dwumadi.
Verse 3
B're kunin no abɛn pa 'ra; B're` a yɛn a yɛbɔ Ne din no, Begyina ankorankoro, Na yɛadi nim sɔhwɛ no mu; Yesu! Wone yɛn 'nidaso, Fa Wo mmɔb'rɔhun' no hwɛ yɛn; Bɔ yɛn din agua n' anim na Popa yɛn bɔn' fi Wo nwomam.
Verse 4
Agyenkwa Hy'rafo, ma yennya Atenka mma saa b're pa yi; Fa nsiyɛ kanyan yɛn koma; Fa Wo Honhom tumi boa yɛn, Na yɛayɛ den W'ahoɔden mu Ahyia 'ko no kokod'ru mu; Na Sion bepɔ no so hɔ, Yɛato nkonimdi dwom no bi
English Lyrics
Verse 1
O solemn thought and can it be The hour of judgment now is come; Which soon must fix our destiny, And seal the sinner's fearful doom? Yes, it is so; the judgment hour Is swiftly hastening to its close; Then will the Judge, in mighty power, Descend in vengeance on His foes.
Verse 2
He who came down to earth to die An offerring for the sins of men, And then ascended up on high, And will e'er long return again, Is standing now before the ark, And mercy seat and cherubim, To plead His blood for saints, and make The last remembrance of their sin.
Verse 3
The solemn moment is at hand When we who have His name confessed, Each in his lot must singly stand, And pass the final, searching test. Jesus! We hope in Thee alone; In mercy now upon us look, Confess our names before the throne, And blot our sins from out Thy book.
Verse 4
O blessed Savior! may we feel The full importance of this hour. Inspire our hearts with holy zeal, And aid us by Thy Spirit's power, That we may in Thy strength be strong, And brave the conflict valiantly; Then, on Mount Zion, join the song, And swell the notes of victory.