No. 418
A Temmu Da, 'Nwanwade Da!
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
A temmu da, 'nwanwade da! Muntie t'robɛnto nne no, Ano yɛ den sen aprannaa; Ɛwosow abɔde ny'naa! Sɛnea frɛ no, sɛnea frɛ no Bɛwosow bɔn'fo koma!
Verse 2
Hwɛ, 'W'ra no reba 'nuonyam mu, Ofura s'ro tumidi; Wo` a wohwɛ N'ahoyi kwan no Bɛka sɛ 'Nyame wɔ me!' 'Gyenkwa Dɛɛfo, 'Gyenkwa Dɛɛfo, Fa me yɛ Wo de da no.
Verse 3
Awufo sɔre Ne frɛ so, Fi 'sase ne pom' ba nkwam'! Abɔde ny'naa wosow N'anim P're hwehwɛ sɛ wobeguan; Bɔneyɛfo, bɔneyɛfo, Ebewie wo dɛn da no?
Verse 4
Na wɔn a wɔkaa wɔn bɔne, Som 'W'rade fam ha no de, Ɔbɛse wɔn sɛ: 'Mo 'hy'rafo, Mommɛhwɛ M'ahenni no; Mubehu daa, mubehu daa, Me dɔ ne M'anuonyam no'.
English Lyrics
Verse 1
Day of judgment,day of wonders! Hark trumpet's awful sound, Louder than a thousand thunders, Shakes the vast creation round! How the summons, How the summons Will the sinner's heart confound!
Verse 2
See the Lord in glory nearing, Clothed in majesty divine. You who long for His appearng Then shall say, 'This God is mine!' Gracious Savior, Gracious Savior, Own me in that day as Thine.
Verse 3
At His call the dead awaken, Rise to life from earth and sea! All the powers of nature shaken By His looks prepare to flee. Careless sinner, Carless sinner, What will then become of thee?
Verse 4
But to those who have confessed Loved and serve the Lord below, He will say, 'Come near, ye blessed, See the kingdom I bestow; You forever, You forever Shall my love and glory know.'