No. 423
Wɔka Wo Ho Anuonyam Nsɛm
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Wɔka wo ho anuonyam nsɛm Yɛn Nyankopɔn ku`row Sion; Nyame a wommu N'asɛm so, Ɔtoo wo Tete Bo no so, Dɛn na ɛbɛwosow wo? Nkwagye fasu twa wo ho hyia Wobɛserew w'atamfo.
Verse 2
Hwɛ n-kwa nsubɔnten no a Ɛsen fi daapem dɔ mu; Yɛn wo mmabanin ne mmabea, Yi ɔkɔm ho suro hɔ; Nsu yi rekum wɔn sukɔm yi Hena n'ɔbɛtɔ beraw? Yɛn Wura dɛɛfo no dom no To nso rentwa ara da.
Verse 3
Hwɛ sɛ mununkum ne ogya Kyinkyin trabea biara ho, Mano 'nuonyam ne nkataho, De ky'rɛ sɛ 'W'rade abɛn; Hy'rafo a wɔtete Sion, Wɔaguar' wɔn Gyefo mogyam; Yesu a wɔn kra twer' No no, Yɛ wɔn Nyame asɔfo.
Verse 4
Agyenkwa, sɛ Sion kuro no, Wonam dom so gyem' hɔ a, Ma wiase nsi me atwetwe, Menya 'nuonyam Wo din mu; Wiase anigye, ahantan Ne akɛsesɛm retwam; Ɔdɛw ne ahyehyɛde pa, Sion mma nko na wonim.
English Lyrics
Verse 1
Glorious things of thee are spoken, Zion, city of our God; He whose word cannot be broken Formed thee for His own abode; On the Rock of Ages founded, What can shake thy sure repose? With salvation's wall surrounded, Thou mayst smile at all thy foes.
Verse 2
See the streams of living waters Springing from eternal love, Well supply thy sons and daughters, And all fear and want remove; Who can faint when such a river Ever flows their thirst to assuage? Grace, which, like the Lord, the Giver, Never fails from age to age.
Verse 3
Round each habitation hovering, See the cloud and fire appear For a glory and a covering, Showing that the Lord is near; Blest inhabitants of Zion, Washed in the Redeemer's blood; Jesus, whom their souls rely on, Makes them kings and priests to God.
Verse 4
Savior, if of Zion's city I, through grace, a member am, Let the world deride or pity, I will glory in Thy name; Fading is the worldling's pleasure, All his boasted pomp and show; Solid joys and lasting treasure None but Zion's children know.