No. 424
Wo, Ɔman A Medɔ Wo
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Wo, ɔman a medɔ wo, M'aniwa hwɛ wokwan; Mehwɛ wo din kronkron no` a, M'aniwa kyi nusu, W'anuonyam yɛ sradehuam wɔ me koko mu hɔ; Ɛyɛ yar' ano ad'ru, Ɔdɔ, nkkwa ne 'home.
Verse 2
O, ɔs'ro trabea k'ro pɛ! Ɔdɛw Paradise! Nea nusu remma hɔ bio, Na s'rew ahye mu ma; W'ahoɔfɛ hyɛ nnipa mma Adwen ne koma so, Na obi rentumi nky'rɛ Sɛnea wote, Sion.
Verse 3
'hwehwɛbo wɔ w'afasum', 'Habamm'bo hy'rɛn hɔ; Bogyanambo, 'kraatebo, Ka bom hy'rɛn wɔ wo mu; Wo tete fasu nom' wɔ Aboɔden b'redumbo; 'Hotefo bɛto w' fasu, Kristo ne tweatibo.
Verse 4
'Sennua no ne w'ahoɔfɛ; Nea wɔsɛn No no ne W'ayeyi, w'ahotefo` a Wɔagye wɔn no nhy'rasɛm; Tete Botan no so na Wosi w'aban kronkron; Nkonimdibo ne sika 'Gyapade yɛ wo de.
Verse 5
O, ɔman pa a wɔahy'ra, Nyame aponfo fie! O, ɔman pa a wɔahy'ra, Nea koma p're hwɛ kwan! Yesu, mmob'rɔhun' mu fa Yɛn bra homebea hɔ, Wo` a Wo ne Agya ne Honhom no wɔ hɔ daa.
English Lyrics
Verse 1
. For thee, O dear, dear country, Mine eyes their vigils keep; For every love beholding Thy holy name, they weep. The mention of thy glory Is unction to the breast, And medicine in sickness, And love, and life, and rest.
Verse 2
O one, O only mansion! O Paradise of joy! Where tears are ever banish'd And smiles have no alloy; Thy loveliness oppresses All human thought and heart, And none, O Peace, O Sion, Can sing thee as thou art.
Verse 3
With jasper glow thy bulwarks, Thy streets with emeralds blaze; The sadius and the topaz Unite in thee their rays; Thine ageless walls are bonded With amethyst unpriced; The saints shall build thy fabric, And the cornerstone is Christ.
Verse 4
The cross is all thy splendor, The Crucified thy praise; His laud and benediction Thy ransom'd saints shall raise; Upon the Rock of Ages They build thy holy tower; Thine is the victor's laurel, And thine the golden dower.
Verse 5
O sweet and blessed country, The home of God's elect! O sweet and blessed country That eager hearts expect! Jesus, in mercy bring us To that dear land of rest, Who art, with God the Father, And Spirit, ever blest.