No. 446
Hwe 'Nounyam Bi A Ɛrepue
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Hwɛ 'nuonyam bi a ɛrepue Wɔ yɛn ani so ha! Asase ne po ny'naa atwam, Ɛne kan soro no, Ɛne kan soro no, Ɛne kan soro no, Asase ne po ny'naa atwan Ɛne kan soro no.
Chorus
O, ɛbɛyɛ 'nigye, 'nigye, 'nigye, O, ɛbɛyɛ 'nigye; B're a yɛrentetewm' bio, B're a yɛrentetewm' bio wɔ Kanaan mpoano hɔ; Yɛbɛtra Yesu nan ase, B're a yɛrentetewm' bio.
Verse 2
Abɔfo no di ah'rusi, Na dɔm no to dwom sɛ, Adasamma, monhwɛ mo Hen' A Ɔresian na` agua, A Ɔresian na` agua, A Ɔresian na` agua, Adasamma, monhwɛ mo Hen' A Ɔresian na` agua.
Verse 3
N'ankasa nsa bɛpopa wɔn Aniwam nusu ny'naa; Na yaw, apini, suro ne Wu ankasa betwam, Wu` ankasa betwam, Wu ankasa betwam; Na yaw, apini, suro ne Wu ankasa betwam,
Verse 4
'Gyenkwa pa, enkosi da bɛn Na saa dɔn yi bɛteɛn? Mm're, tu mm'rika na kɔ ntɛmntem Kɔfa da pa no bra, Kɔfa da pa no bra, Kɔfa da pa no bra; Mm're, tu mm'rika na kɔ ntɛmntem Kɔfa da pa no bra.
English Lyrics
Verse 1
Lo, what glorious sight appears To our believing eyes! The earth and seas are passed away, And the old rolling skies. And the old rolling skies, And the old rolling skies; The earth and seas are passed away, And the old rolling skies.
Chorus
O that will be joyful, joyful, joyful! O that will be joyful When we meet to part no more! When we meet to part no more on Canaan's happy shore; ‘Tis there we'll meet at Jesus' feet, When we meet to part no more
Verse 2
Attending angels shout for joy And the bright armies sing-Mortals! behold the sacred seat Of your descending King. Of your descending King, Of your descending King; Mortals! behold the sacred seat Of your descending King.
Verse 3
His own soft hand shall wipe the tears From every weeping eye; And pains,band groans, and griefs, and fears, And death itself shall die! And death itself shall die, And death itself shall die; And pains, and groans, and grief, and fears, And death itself shall die
Verse 4
How long, dear Savior! oh, how long Shall this bright hour delay? Fly swifter round, ye wheels of time! And bring the welcome day. And bring the welcome day, And bring the welcome day; Fly swifter round, ye wheels of time! And bring the welcome day.