No. 447
Fi Tete Na Wɔabo Nguankuw
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Fi tete na wɔabɔ nguankuw Apete mmepɔ 'tifi, Akwan no mu yɛ yaw ne sum; Wɔafa nsɔhwɛ huhu mu; Seesei frɛ no gu so ara rema kɔkɔbɔ nsɛm no; Nkabom, gyidi no ɔdɔ ma Kuw ketewa no di dɛw.
Verse 2
Wɔhwehwɛ nokware hann a Ɛnam ne kwan so seesei; Wodi mm'ra nsɛm du no ny'naa so, Wɔyɛ kronkron ne kokwar'; Wɔde nkwasɛm no yɛ aduan, Ɛsom wɔn bo yɛ wɔn dɛ; Wotie wɔn W'ra ahyɛde ny'naa, Koto Ne nan ase brɛoo.
Verse 3
Hann mu hann, ku`ro a ɛyɛ fɛ, Saa sika ku`ro kronkron no; Ɛ'nkyɛ, wɔbɛhyɛn n'apon mu, Akɔfa n'anuonyam no; Ɔkra no nya bɔne, owu, Ne yaw mu 'hofadi hɔ; Wobehu adan pa no yie, Nea 'hotefo di hen' daa.
Verse 4
Ɔnam mununkum mu resian, N'ahotefo sɔr' fi 'wum; Wɔn a wɔagye wɔn no nkonim Ho dwom gyigye wɔ ewim; Yɛn ani gyina W'ahoyi, Bra, O Agyenkwa, bra ntɛm! 'Nidaso pa` ɛhyɛ yɛn den, Bɛfa Wo mma no kɔ fie.
English Lyrics
Verse 1
Long upon the mountains, weary, Have the scattered flock been torn; Dark the desert paths, and dreary; Grievous trials have they borne. Now the gathering call is sounding, Solemn in its warning voice; Union, faith, and love, abounding, Bid the little flock rejoice.
Verse 2
Now the light of truth they're seeking, In its onward track pursue; All the ten commandments keeping, They are the holy, just, and true. On the words of life they're feeding, Precious to their taste so sweet; All their Master's precepts heeding, Bowing humbly at His feet.
Verse 3
In that light of light and beauty, In that golden city fair, Soon its pearly gates they'll enter, And of all its glories share. There, divine the soul's expansions; Free from sin, death, and pain; Tears will never dim those mansions Where the saints immortal reign.
Verse 4
Soon He comes! with clouds descending; All His saints, entombed arise; The redeemed, in anthems blending, Shout their vict'ry thro' the skies. O, we long for Thine appearing; Come, O Savior, quickly come! Blessed hope! our spirits cheering, Take Thy ransomed children home.