No. 459
Se 'Yef'Rokun 'Te Ne Nk'Rɔfom'
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Sɛ 'yef'rokun 'te ne nk'rɔfom', Ɔhen' te wɔ ne man mu, Ɔwɛnfo te wɔ aban mu, Hyɛnkafo, af'ro` anim no, Wote saa ma me, 'W'ra.
Verse 2
Sɛ nsuti te ma turow no Kanea te wɔ esum mu, 'Gyapade te wɔ korabea, Mana, apam 'dakam' no, Wote saa ma me, 'W'ra.
Verse 3
Sɛ nhenepa te ne tebeam', Ɛwoɔ te wɔ ne kyɛm mu, Sɛnea hann te kanea mu na Agya te wɔ ofie no, Wote saa ma me, 'W'ra.
Verse 4
Sɛ owia hann te wɔ ewim, Sunsum te wɔ ahwehwɛm', Nnuaba te wɔ b'rɔdoma so, Bosu te nwura so no, Wote saa ma me, 'W'ra.
English Lyrics
Verse 1
As the bridegroom to his chosen, as the king to his realm, As the keep unto the castle, as the pilot to the helm, So, Lord, art Thou to me.
Verse 2
As the fountain in the garden, as the candle in the dark, As the treasure in the coffer, as the manna in the ark, So, Lord, art Thou to me.
Verse 3
As the ruby in the setting, as the honey in the comb, As the light within the lantern, as the father in home, So, Lord, art Thou to me.
Verse 4
As the sunshine in the heavens, as the image in the glass, As the fruits upon the fig tree, as the dew upon the grass, So, Lord, art Thou to me.