No. 460
Senea Nus Dwudwo Sukɔm
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Sɛnea nsu dwudwo sukɔm, 'Niwa hwɛ 'fɛfɛde, 'Hoɔden di mm'rɛwyɛ akyi Nokwar' sɔ` at'ro anan; Dwonto ne fefɛ mm're Hwɛ huhub're kwan no, Sɛ m'Aw'rade Teasefo no Te ma me nso ne no.
Verse 2
Sɛ ap'rep're ano dwo, 'Somdwoe di yaw akyi, Ntetewmdi akyi nhyiamdi, 'Sutɔ akyi 'wihy'rɛn, Ɔsram ne ns'romma hann Ne po so 'wia hann no, Sɛ m'Aw'rade Teasefo no, Te ma me nso ne no.
Verse 3
Sɛ nna di 'hoɔmm'rɛ akyi, Sika pa sen dɔte, Nnommum akyi 'hofadi, Owipuei ma 'dekyee; Ofie ma 'kwantuni Ne nea ɔtwɛn ny'naa no, Sɛ m'Aw'rade Teasefo no, Te ma me nso ne no.
English Lyrics
Verse 1
As water to the thirsty, As beauty to the eyes, As strength that follows weakness, As truth instead of lies; As songtime and springtime and summertime to be So is my Lord, my living Lord, So is my Lord to me.
Verse 2
Like calm in place of clamor Like peace that follows pain, Like meeting after parting, Like sunshine after the rain; Like moonlight and starlight and sunlight on the sea, So is my Lord, my living Lord, So is my Lord to me.
Verse 3
As sleep that follows fever, As gold instead of grey, As freedom after bondage, As sunrise to the day; As home to the trav'ler and all he longs to see, So is my Lord, my living Lord, So is my Lord to me.