No. 484
Mihiaw', Yesù A Wosom Bo
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
MihiaW', Yesu` a Wosom bo, 'Fisɛ meyɛ 'hiani; Ɔhɔho ne kwantuni, Minni hwee wɔ fam ha. Mihia W'aw'rɛkyekye dɔ Wɔ me kwan so daa na Aky'rɛ m'akyinnye nan kwan, Na ayɛ m'ahoɔden.
Verse 2
Mihia Yesu koma no, De ate adwen nka; Aka me sɔhwɛ biara Ne m'aw'rɛhow aky'rɛ; Mihia Honhom Kronkron no Ma Waky'rɛ nea meyɛ, Aky'rɛ me Yesu nso yie, De me akɔ Ne nkyɛn.
Verse 3
MihiaW', Yesu` a Wosom bo, Ɛrenkyɛ, mehu Wo Sɛ Wote W'agua so na W'anounyam 'twa Wo ho; Me ne Wo mma a Wode Wo mogya atɔ wɔn De dɛw bɛto 'yeyi dwom Ahwɛ W'anim daa daa.
English Lyrics
Verse 1
I need Thee precious Jesus, For I am very poor; A stranger and a pilgrim, I have no earthly store. I need the love of Jesus To cheer me on my way, To guide my doubting foot steps, To be my strength and stay.
Verse 2
I need the heart of Jesus To feel each anxious care, To tell my every trial, And all my sorrows share. I need the Holy Spirit To teach me what I am, To show me more of Jesus, To point me to the Lamb.
Verse 3
I need Thee precious Jesus, I hope to see Thee soon, Encircled with the rainbow, And seated on Thy throne. There with Thy blood-bought children, My joy shall ever be To sing Thy ceaseless praises, To gaze, my Lord, on Thee!