No. 485
Sɛ Sɛ Meka M'Amane Ky'Rɛ Yesu
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
'Sɛ sɛ meka m'amane ky'rɛ Yesu, Me nko merentum' nsoa 'desoa yi; Me yaw mu Ɔde 'yamye bɛboa me, Daa Ɔdo na Ɔhwɛ Ne nk'rɔfo.
Chorus
Mɛka` aky'rɛ Yesu, Mɛka` aky'rɛ Yesu, Me nko merentum' nsoa m'adesoa; Mɛka` aky'rɛ Yesu, Mɛka` aky'rɛ Yesu, Yesu tum' boa me, Yesu nkutoo.
Verse 2
'Sɛ sɛ meka me haw ny'naa ky'rɛ Yesu, Ɔye Adamfo, mmɔb'rɔhun'fo; Sɛ mesrɛ No a, Ɔbɛgye me nkwa, Na Wama me haw atwam' akɔ.
Verse 3
Wiase daadaa me, twe me kɔ bɔnem', Ao, me koma taa hwe` ase bɔnem'; Mɛka` aky'rɛ Yesu, na Ɔbɛboa me Ama madi wiase so nkonim
English Lyrics
Verse 1
I must tell Jesus all of my trials, I cannot bear these burden alone, In my distress He kindly will help me, He ever loves and cares for His own.
Chorus
I must tell Jesus! I must tell Jesus! I cannot bear my burdens alone; I must tell Jesus! I must tell Jesus! Jesus can help me, Jesus alone.
Verse 2
I must tell Jesus of my troubles, He is a kind compassionate Friend; If I but ask Him, He will deliver,Makes of my troubles quickly an end.
Verse 3
O how the world to evil allures me! O how my heart is tempted to sin! I must tell Jesus, and He will help me Over the world the vict’ry to win.