No. 486
Migye Di, Migye De Seesei
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Agya metrɛ me nsam ky'rɛ Wo, Minnim ɔboafo bi; Sɛ Wotwe Wo ho fi me ho` a, Ao, 'hefa na mɛkɔ?
Verse 2
Megye Wo dɔ Ba no di nnɛ, Ma mente Wo tum' nka; Yɛ m'ahiade nyinaa ma me, Saa ɔgye b're yi mu.
Verse 3
Wo a gyidi fi Wo, mema M'ani so kyerɛ Wo; O, ma minnya akyɛde a Ɛma kra nkwa no bi.
Verse 4
Minim sɛ Woremma me nwu; Kasa na menya nkwa; Mɛtwɛn 'hoɔden mu kosi sɛ Menya Wo Honhom no.
Verse 5
Sɛ mihu W'anim a, me kra B'rɛfo ani bɛgye! Ma mente Wo nne` a ɛma nkwa Nnya Wo fa'fri dom no.
Verse 6
Migye di, migye di seesei, Sɛ Yesu wu maa me; Ohwiee Ne mogya dehye no De gyee me fii bɔnem'
English Lyrics
Verse 1
Father, I stretch my hands to Thee; No other help I know; If Thou withraw Thyself from me, Ah, whither shall I go?
Verse 2
On Thy dear Son I now believe, O let me feel Thy power; And all my varied wants relieve, In this accepted hour.
Verse 3
Author of faith! To Thee I lift My weary, longing eyes; O let me now receive that gift; My soul without it dies.
Verse 4
Surely Thou canst not let me die; O speak, and I shall live; And here I will unwearied lie, Till Thou Thy Spirit give.
Verse 5
How would my fainting soul rejoice Could I but see Thy face! Now let me hear Thy quickening voice, And taste Thy pardoning grace.
Verse 6
I do believe, I now believe That Jesus died for me, And that He shed His precious blood From sin to set me free.