No. 509
Aw'rade 'hotefo monhwɛ fapem
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Aw'rade 'hotefo, monhwɛ fapem a W'ɔato ama mo gyidi, N'asɛm no mu; A'asɛm bɛn ara na Ɔnka nky'rɛ mo bio, Mo a moaguan akohinta Yesu mu?
Verse 2
'Nsuro Me ne w' wɔ hɔ, mma wo koma ntu, Mene wo Nyankopɔn, na Maboa wo nso; Mɛhyɛ wo den aboa wo 'ma Woagyina, Me trenee nsa dennen no Bɛsɔ wo mu'.
Verse 3
'Sɛ Mesoma wo sɛ fa nsubun mu a, 'W'rɛhow nsubɔnten renyiri mfa wo so, 'Fisɛ Mɛka wo ho ahy'ra wo haw no, Na Mate w'amanehun' kɛse no ho'
Verse 4
'Sɛ w'akwan no dan ogya sɔhwɛ mu a Wubenya Me dom a ɛboro so no; Ogyaframa renhye wo; Mahyehyɛ sɛ, ɛnhye wo ho fi nte wo sika pa ho'.
Verse 5
'Ɔkra a ɔtwer' Yesu no nya home, Merennyae ne mu mma N'atamfo no da; Mmom ɔhaw kɛse bɛwoso ne kra de Naanso merennyae no da bi-ara da'
English Lyrics
Verse 1
How firm a foundation, ye saint of the Lord, Is laid for your faith in His excellent Word! What more can He say than to you He hath said, To you who for refuge to Jesus hath fled?
Verse 2
'Fear not, I am with thee, O be not dismayed; For I am thy God, and will still give thee aid; I'll strengthen thee, help thee, and cause thee to stand, Up held by My righteous, omnipotent hand.'
Verse 3
'When thro' the deep waters I call thee to go The rivers of sorrow shall not over flow; For I will be with thee, thy troubles to bless, And sanctify to thee thy deepest distress.'
Verse 4
'When thro' fiery trials thy pathway shall lie, My grace, all sufficient, shall be thy supply; The flame shall not hurt thee; I only design Thy dross to consume, and thy gold to refine.'
Verse 5
'The soul that on Jesus hath leaned for repose, I will not, I will not desert to His foes; That soul, though all hell should endeavor to shake, I'll never, no never, no never forsake!'