No. 510
Se Woma Nyame Kyerɛ Wo Kwan
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Sɛ woma Nyame kyerɛ wo kwan Na wode wo w'rɛ hyɛ Ne mu` a, Ɔbɛtra wo nkyɛn b're biara mu Amaw 'nidaso ne hoɔden; 'Fisɛ wɔn a wɔtwer' Nyame Dɔ no, si wɔn dan botan so.
Verse 2
Mfaso bɛn na ɛwɔ nusu ne 'Bufuw ne basamtu hun' mu?bSɛ wowɔ Ne banbɔ no mu a, Ɔrennɔ wo 'w'rɛhow b're mu? Nea Ɔfaa 'sɛnnua maa wo no De w' bɛfa dehw're biaram' dwoo.
Verse 3
Twɛn Ne mmere wɔ boasetɔ mu, Fa 'nidaso ne koma pa Gye neɛ w'Agya fi Ne pɛ ne Ne Dɔ mu de ma wo biara no; Nea Ɔpaw wo yɛɛ Ne de no, Nim wo komam ahiade ny'naa.
Verse 4
To dwom, bɔ mpae, na hwɛ N'akwan yie, Di nokware wɔ wo som mu; Twer' N'asɛm, ewom womfata de Wubehu sɛ ɛyɛ nokwar' Nyame rempo ɔkra biará a Ɔtwer' No nokware mu no.
English Lyrics
Verse 1
If you but trust in God to guide you And place your confidence in Him,You'll find Him always there beside you, To give you hope and strength within. For those who trust God's changeless love Build on the rock that will not move.
Verse 2
What gain is there in futile weeping, In helpless anger and distress? If you are in His care and keeping, In sorrow will He love you less?nFor He who took for you a cross Will bring you safe through every loss.
Verse 3
In patient trust await His leisure In cheerful hope, with heart content To take whate'er your Fathers's pleasure And all discerning love have sent; Doubt not your inmost wants are known To Him chose you for His own.
Verse 4
Sing, pray and keep His ways unswerving, Offer your service faithfully, And trust His word; though undeserving, You'll find His promise true to be. God never will forsake in need The soul that trust in Him indeed.