No. 511
Minnim Nea Magye No Adi
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Minnim nea 'nti Nyame ayi Ne dom akyerɛ me, Nea 'nti me a memfata yi, Kristo de dɔ gyee me.
Chorus
Mmom, minim nea magye No adi, Na m'ani da so sɛ Obetumi De nea mede ahyɛ Ne nsa Asie 'kosi da no mu.
Verse 2
Minnim nea 'nti a Ɔma me Ɔgye yi ho gyidi, Ne nea 'nti N'asɛm nom' gyidi De asomdwoe ma me.
Verse 3
Minnim sɛnea Honhom no ba Beyi atɛn bɔn' ho, Fa 'sɛm no so yi Yesu ky'rɛ De Ne mu gyidi ma.
Verse 4
Minnim dɔn a 'Wura bɛba, Anadwo anaa~awia, 'Naasɛ me ne No bɛnantew Anaa mehyia No wim.
English Lyrics
Verse 1
I know not why God's wondrous grace To me He hath made known, Nor why, unworthy, Christ in love Redeemed me for His own.
Chorus
But 'I know whom I have believed, And am persuaded that He is able To keep that which I've committed Unto Him against that day.'
Verse 2
I know not how this saving faith To me He did impart, Nor how believing in His word Wrought peace within my heart.
Verse 3
I know not how the Spirit moves, Convincing men of sin, Revealing Jesus through the word, Creating faith in Him.
Verse 4
I know when my Lord my come, At night or noonday fair, Nor if I walk the vale with Him, Or meet Him in the air.