No. 532
Da Biara Ne Dɔnhwerew Biara Mu
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Da biara ne dɔnhwerew biara mu, Minya 'hoɔden de hyia me haw ha; B're a metwer' m'Agya nyansa mu dom no Biribiara ntumi mmɔ me hu da, Nea Ne komam' wɔ 'yamye b'ro so no Ma da biara ade a ehia; Ɔdɔ mu, yaw ne anigye ka bom, 'Somdwoe ne home fra dwumayem'.
Verse 2
'W'rade no ara bɛn me da biara, Dɔn biaram', Ɔmam' dom sononko; Ɔsoa me dadwen ny'naa kyekye me w'rɛ, Nea Ne din ne 'Fotufo Tumfo. Ne mma ne N'agyapade ho banbɔ Yɛ 'sodi a Ɔde too Ne ho so; W'ahoɔden bɛyɛ sɛnea wo nna te: Eyi ne bɔ a Ɔhyɛɛ me no.
Verse 3
Ɛnde boa me ahohia biara mu, Sɛnea mɛtwer' Wo bɔhyɛ 'Wura, Na manhw're gyidim aw'rɛkyekye a Minya fi W'Asɛm kronkron mu no; Sɛ mihyia 'brɛ ne 'mane a boa me, 'W'ra, Ma minnye, sɛnea efi Agya nsam, Nna ne nnɔnhwerew a ɛretwam no Kosi bɔhyɛ asase no so.
English Lyrics
Verse 1
Day by day, and with each passing moment, Strength I find, to meet my trials here; Trusting in my Father's wise bestowment, I've no cause for worry or for fear. He Whose heart is kind beyond all measure Gives unto each day what He deems best. Lovingly, its part of pain and pleasure, Mingling toil with peace and rest.
Verse 2
Every day, the Lord Himself is near me With a special mercy for each hour; All my cares He fain would bear, and cheer me, He Whose Name is Counselor and Power; The protection of His child and treasure Is a charge that on Himself He laid; 'As thy days, thy strength shall be in measure,' This the pledge to me He made.
Verse 3
Help me then in every tribulation So to trust Thy promises, O Lord, That I lose not faith's sweet consolation Offered me within Thy holy Word. Help me, Lord, when toil and trouble meeting, E'er to take, as from a father's hand, One by one, the days, the moments fleeting, Till I reach the promised land.