No. 533
Anka Manya Gyidì A Enhim
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Anka manya gyidi` a enhim B're` a tamfo hyɛ me so. Nea ɛrenwosow da Ohia biara anim, Ohia ne yaw anim, Ohia ne yaw anim.
Verse 2
Sɛ mpire gu me so mpo a Ɛrensi apini, Na 'w'rɛhow ne ɔyaw Bere biara mu no, Ɛtwere ne Nyame; Ɛtwere ne Nyame.
Verse 3
Gyidi a ɛhyerɛn kɛse B're a ahum tu mpo Nea mmusu bere mu, Ennim suro biara, Ennim 'kyinnye sum mu, Ennim 'kyinnye sum mu.
Verse 4
Nea wiase 'bufuw ntum' mpusuw, Na entie ne fɛwdi; Nea bɔn' po rentumi Nyiri nkata so da, Hwee ntumi nnaadaa no; Hwee ntumi nnaadaa no.
Verse 5
'W'ra ma me saa gyidi yi bi, Na nea 'besi biara Mɛka s'ro dɛ kronkron No bi ahwɛ fam ha; Daapem fie hɔ no, Daapem fie hɔ de no.
English Lyrics
Verse 1
O, for a faith that will not shrink, Though pressed by every foe; That will not tremble on the brink of poverty, Of any earthly woe; Of poverty or woe;
Verse 2
That will not murmur nor complain Beneath the chastening rod, But, in the hour of grief or pain, of grief or pain Can lean upon its God; Can lean upon its God.
Verse 3
A faith that shines more bright and clear When tempests rage without; That when in danger knows no fear, knows of no fear, In darkness feels no doubt; In darkness feel no doubt
Verse 4
That bears, unmoved, the world's dread frown Nor heeds its scornful smile; That sin's wild ocean cannot drown, no, cannot drown, Nor its soft arts beguile; Nor its soft arts beguile.
Verse 5
Lord, give me such a faith as this, And then, whate'er may come, I'll taste, e'en here, the hallowed bliss, the hallowed bliss Of an eternal home; Of an eternal home.