No. 617
Yɛte ase, yɛte nkwa mu
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yɛte ase, yɛte nkwa mu, Bere a ɛyɛ hu mu, Mm're mu bere a asetra Ayɛ dadwen kɛse yi. Tie, amanaman resɔre, Gog ne Magog kɔ sɛe mu; Tie, dɛn ni? Abɔde nyinaa Si apini kɔ n'awiei?
Verse 2
Kristoni boa wo ho kɔko, Hyɛw' ho den kɔ akonim; Hyɛ nkwagye dadekyɛw no na Fa 'sɛmpa kyɛm no kura; Fa asomdwoe nkatabo no, Kura honhom mu nkratɛ; Kɔ w'anim akokod'ru mu Wɔ Yehowa hoɔden mu.
Verse 3
Na ahonhommɔne hen' no, Wiase daadaafo kɛsen', Nea b're bi otuu Yesu a Wɔahy'ra No no so sa no, De ahoɔden nwanwaso ba 'Fisɛ ne b're reba awiei Ama wɔde ahenni no Ama asomdwoe Hen' no.
Verse 4
'Kristoni sɔr', ko ɔko no; Ko kodu nkonimdi mu; Kosi sɛ wo Sahen' teɛm sɛ “W'rade akoa, mo ne yɔ” Nea odi nokwar' na ɔtram' Kosi awiei no nkutoo, Benya bɔhyɛ atra ase Ahenni no mu daapem.
English Lyrics
Verse 1
We are living, we are dwelling In a grand and awful time, In an age on ages telling- To be living is sublime. Hark! The waking up of nations, Gog and Magog to the fray; Hark! what soundeth? Is creation Groaning for her latter day?
Verse 2
Christian, rouse and arm for conflict, Nerve thee for the battle field; Bear the helmet of salvation, And the mighty gospel shield; Let the breast-plate, peace, be on thee, Take the Spirit sword in hand; Boldly, fearlessly, go forth then, In Jehovah's strength to stand.
Verse 3
And the prince of evil spirits, Great deceiver of the world! He who at the blessed Jesus Once his deadly weapons hurled, Cometh with unwonted power, Knowing that his reign will cease When the kingdom shall be given To the mighty Prince of Peace.
Verse 4
Christian, rouse! Fight in this warfare, Cease not till the victory's world! Till your Captain loud proclaimeth, 'Servant of the Lord, well done!' He, alone, who thus is faithful, Who abideth to the end, Hath the promise, in the kingdom An eternity to spend.