No. 618
Monsɔr' Nnyina Mma Yesu!
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Monsɔr' nnyina mma Yesu! Asɛnnua ho nsraafo; Momma Ne frankaa no so, ɛnsɛ sɛ ɛyera; 'Fi nim mu kɔ nkonim mu, Obedi N'dɔm anim Kosi sɛ 'tamfo agu, Na Kristo ne 'Wura.
Verse 2
Monsɔr' nnyina mma Yesu! Muntie t'robɛnto nne; Monkɔ ko kɛsen' anim N'anounyam da yi mu. Mo mmarima, monsom No, Nko ntia 'tamfo dɔm pii Nnya kokod'ru amanem', Momfa ahoɔden nko.
Verse 3
Monsɛr' nnyina mma Yesu! N'ahoɔden no mu nko; 'Honam bedi mo huammɔ Muntwer' mo ankasa. Monhyɛ 'sɔmpa akode, Monwɛn wɔ mpaebɔ mu; Ɔsom mu oo. Amane mu oo, Monnan mo akyi nky'rɛ da.
Verse 4
Monsɔr' nnyina mma Yesu! Ɔko no renkyɛ pii, ɛnnɛ ɔko gyegyeegye, Ɔkyena nkonim dwom. Nea odi mu nkonim no Benya nkwa abot'ri, Na ɔne 'nuonyam Hen' no Bedi ahen' daa daa.
English Lyrics
Verse 1
Stand up, stand up for Jesus, Ye soldiers of the cross; Lift high His royal banner, It must not suffer loss. From victory unto victory His army shall He lead, Till every foe is vanquished, And Christ is Lord indeed.
Verse 2
Stand up, stand up for Jesus, The trumpet call obey; Forth to the mighty conflict, In this His glorious day. Ye that are brave now serve Him Against unnumbered foes;nLet courage rise with danger, And strength to strength oppose.
Verse 3
Stand up, stand up for Jesus, stand in His strength alone; The arm of flesh will fail you, Ye dare not trust your own. Put on the gospel armor, And watching unto prayer; Where duty calls or danger, Be never wanting there.
Verse 4
Stand up, stand up for Jesus, The strife will not be long; This day the noise of battle, The next the victor's song.nTo him that overcometh A crown of life shall be; They with the King of Glory Shall reign eternally.