No. 633
Sɛ Yɛn Ny'naa Du S'ro Hɔ A
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Monto Yesu anwanwa dɔ 'Hummɔb'rɔ ne dom ho dwom, Obesiesie trabea 'ma yɛn Wɔ adan fɛfɛ no mu.
Chorus
Sɛ yɛn ny'naa du s'ro hɔ a, ɛbɛyɛ ahurusi da kɛse! Yɛn ny'naa hu Yesu a, Yɛbɛteam ato nkonim dwom.
Verse 2
B're a yɛnam sɛ 'kwantufo yi, Mununkum bɛkata wim; Nanso sɛ 'kwantu no sa a Sunsuma bi nni hɔ bio.
Verse 3
Ɛnde momma yenni nokwar' Nsom wɔ ahotosom 'daa Sɛ yehu No 'nuonyam mu a, Yɛn bre nyinaa to bɛtwa.
Verse 4
Nkonimbo no da yɛn anim! Yɛbɛhu N'ahoɔfɛ no; ɛnkyɛ, wɔbɛbue apon no, Yɛbɛnantew sika so.
English Lyrics
Verse 1
Sing the wondrous love of Jesus, Sing His mercy and His grace; In the mansion bright and blessed He'll prepare for us a place.
Chorus
When we all get to heaven, What a day of rejoicing that will be! When we all see Jesus, We'll sing and shout the victory!
Verse 2
While we walk the pilgrim pathway Clouds will over spread the sky; But when traveling days are over Not a shadow, not a sigh.
Verse 3
Let us then be true and faithful, Trusting, serving everyday; Just one glimpse of Him in glory Will the toils of life repay.
Verse 4
Onward the prize before us! Soon His beauty we'll behold; Soon the pearly gates will open- We shall tread the streets of gold.