No. 634
Kristofo ny'inaa, mommra mmɛyɛ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Kristofo ny'inaa, mommra mmɛyɛ Aw'rade adwuma no, Munsiesie mo bra yie mma No, Momma mo koma nyɛ k'ro. Momfa dɛw mmra N'abangua so, Bɔhyɛ kronkron fof'royem; Monsan mfi bɔn' ne yawdi ho, Na wɔmma mo nkwa fof'ro.
Verse 2
Momfa mo b're, talente mma, ɛyɛ Nyame akyɛde; ɛsɛ sɛ Kristofo de yɛ 'Dwuma ka Ne dɔ ho' asɛm. Mommra mmɛsom Agyenkwa no, Momfa akyɛde ny'naa mmra; Munnya Ne dom mo adwumam', Momfa dɛw nto N'ayeyi.
Verse 3
'Sɛ sɛ obiara dɔ ne nua, ɛyɛ Nyame ahɛde; Afof'ro mmɔbrɔhun' no da Ne nkwagye nhyehyɛe adi Ɔde Ne s'ro dɔ no ama Esian Ne mmɔbrɔhun' nti, Wɔma bɔn' fafri 'sɛnnuan' so, Dew ne 'somdwoe yɛ wo de.
Verse 4
Mo a mogye Kristo di nyinaa, Mommra 'yeyi ne nkamfom'; Monsom No ahodwira mu, Mubenya ɔdom ne dɔ. Ne dom nti monhyɛ No 'nuonyam, Ne Honhom ne' Asɛm no nti, Munsi 'sɛmpa 'basɛm no so Mma 'dasamma nte Ne din.
English Lyrics
Verse 1
Come, all Christian, be committed To the service of the Lord; Make your lives for Him more fitted, Tune your hearts with one accord. Come into His courts gladness, Each his sacred vows renew, Turn away from sin and sadness, Be transformed with life anew.
Verse 2
Of your time and talents give ye, They are gifts from God above; To be used by Christians freely To proclaim His wondrous love. Come again to serve the Savior, Tithes and off'rings with you bring. In you work, with Him find favor, And with joy His praises sing.
Verse 3
God's command to love each other Is required of everyone; Showing mercy to another Mirrors His redemptive plan. In compassion He given Of his love that is divine ; On the cross sins forgiven; Joy and peace are fully thine.
Verse 4
Come in praise and adoration, All who on Christ's name believe Worship Him with consecration, Grace and love you will receive. For His grace give Him the glory, For the Spirit and the Word, And repeat the gospel story Till mankind His name has heard.