No. 637
Oyame Ba, daa Agyenkwa
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Oyame Ba, daa Agyenkwa, Nkwa, nokwar' ne dom suti, Asɛm a ɛbɛyɛɛ Honam, Wo' a W'awo tew nnipa ho. Yɛn Ti a Wudi hen' 'nuonyam mu Wo mma bɛsrɛ Wo daa sɛ Fa W' dɔ ne tema hyɛ yɛn ma, Sa yɛn mfomso na boa Wo.
Verse 2
Ka yɛn nyinaa bom biakoyɛ mu, W'asafokuw kronkron nom', Mm'rɛwyɛfo ne ahoɔdenfo Mmofra ne mpanyimfo nyinaa. So yedi hia anaa 'w'rɛhow? Ma yɛn ny'naa nsoa nnesoa yi So akra binom abotow? 'W'ra ky'rɛ yɛn ma yɛmmoa wɔn.
Verse 3
Yɛbɛ nnwuma nkumaa' a Yɛyɛ da biara no, Yɛbɛsɔ n'ani wɔ fie, 'Suabea ne agodim'; 'Yinom yɛ 'gyapade pa' a Yɛde brɛ Ɔhen' no. 'Kyɛde bi nkwati 'yinom, Nso mmofra de beba.
Verse 4
Kristo, bra bɛdi hen' yɛn mu, Ɔdɔ ne Asomdwoe Hen'; Pam ap'rep're ne akɔnnɔ Na ma mpaapaemu to ntwa. Fa Wo boasetɔ nnwuma no, Ne yaw a Wudii no so, Dwudwo yɛn wiase 'nigye ne Pɛsɛm'kominya' ano.
Verse 5
Onyame Ba, daa Agyenkwa, Nkwa, nokwar' ne dom nsuti; Asɛm a ɛbɛyɛɛ honam, Wo' a W'awo tew nnipa ho. Wo mpaebɔ ne w'apɛ de sɛ Wo nk'rɔfo bɛyɛ k'ro nti, Ma yɛn anidaso mmra mu; Wo pɛ nyɛ hɔ wɔ fam ha.
English Lyrics
Verse 1
Son of God, eternal Savior, Source of life and truth and grace, Word made flesh, whose birth among us Hallows our human race, Your our head, who throned in glory, For Your own will ever plead: Fill us with Your love and pity, Heal our wrongs, and help our need.
Verse 2
Bind us all as one together In Your church's sacred fold, Weak and healthy, poor and wealthy, Sad and joyful, young and old. Is there want or pain or sorrow? Make us all the burden share. Are there spirit crushed and broken? Teach us, Lord to sooth their care.
Verse 3
As You, Lord have lived for others, So may we for others live. Freely have Your gifts been granted; Freely may Your servants give. Yours the gold and Yours the silver, Yours the wealth of land and sea; We but stewards of Your bounty Held in solemn trust will be.
Verse 4
Come, O Christ, and reign among us, King of love and Prince of Peace; Hush the storm of strife and passion, Bid its cruel discord cease. By Your patient years of toiling, By Your silent hours of pain, Quench our fevered thirst of pleasure, Stem our selfish greed of gain.
Verse 5
Son of God, eternal Savior, Source of life and truth and grace, Word made flesh, whose birth among us Hallows all our human race: By Your praying, by Your willing That Your people should be one, Grant, oh, grant our hope's fruition: Here on earth Your will be done.