No. 89
Ma Wɔn A Wɔte Wiase Ny'Naa
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Tune
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Ma wɔn a wɔte wiase ny'naa Nto Yehowa Tumfo 'yeyi, Nhyira Ne din kronkron; Ma nkurɔfo nhu N'anuonyam, Kyerɛ aman N'anwanwade, Ka Ne nkwagye dom no.
Verse 2
Ɔyɛɛ asase ne ewim, Ɔyɛɛ wim 'bɔde a ɛhy'rɛn Odi hen' 'nuonyam mu: Ne nhyerɛmma di mu ma hann; Sɛnea Ɔhy'rɛn ahoɔfɛ mu Na N'atrae yɛ fɛ fɛ!
Verse 3
Bra, anuonyam da kɛse no, B're a 'sase bɛte Ne gye nka Na 'man ny'naa suro Ne din; Ɛno na nnipa mma bɛpaem Aka N'ahokeka kronkron Ne Ne nkwagye dom no.
English Lyrics
Verse 1
Let all on earth their voices raise, To sing the great Jehovah's praise, And bless His Holy name: His glory let the people know, His wonders to the nations show, His saving grace proclaim.
Verse 2
He framed the globe; He built the sky; He made the shining worlds on high, And reigns in glory there: His beams are majesty and light; His beauties, how divinely bright! His dwelling place, how fair!
Verse 3
Come, the great day, the glorious hour, When earth shall feel His saving power, All nations fear His name; Then shall the race of men confess The beauty of His holiness, His saving grace proclaim.