Twi No. N20
M'ani gye sɛ
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
M'ani gye sɛ yɛn soro Agya no Ka ne dɔ ho asɛm Ne nwoma mu; Nneɛma a mihu wɔ Ky'rɛw Kronkron mu, Nea ɛkyɛn so ne sɛ, Yesu dɔ me.
Chorus
M'ani gye pii sɛ Yesu dɔ me, Yesu dɔ me,Yesu dɔ me. M'ani gye pii sɛ Yesu dɔ me, Yesu dɔ me,sɛɛ yi.
Chorus
2 Sɛ me w'rɛ fi No wɔ Ntwɛtwɛdɛ a, Nea mekɔ biara Ɔda so dɔ me; Mesan bɛtɔ Ne dɔ basa no so, Bere a mekae sɛ Yesu dɔ me.
Verse 3
D' a mehu henkɛsen' 'nounyam mu no, Sɛ dwom biako mpo na metum' ato'a Eyi na ɛbɛyɛ me daa daa dwom 'O ɛyɛ nwonwa sɛ Yesu dɔ me!'
Verse 4
Yesu dɔ me, minim sɛ medɔ No: Ɔdɔ n'ɛkaa No ma Ɔbɛgyee me; Yiw ɔdɔ n'ɛma Owuu dua no so: O, Minim pefee sɛ Yesu dɔ me.