Twi No. N21
Wo 'S'ro Abangua Yɛ Fɛ
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Wo 's'ro abangua yɛ fɛ, Wɔ hann ne dɔ man no mu; Wo fam abangua yɛ fɛ, Bɔne be yaw man yi mu: O ɔdomfo Nyankopɔn, Me mu honhom kɔn adɔ Ahotefo nkɔmmɔdi W'anim hy'rɛn ne Wo mayɛ.
Verse 2
N-hyira ne nnomaa a Wokyin Wo mmuka ho hyia; N-hyira ne akra a Wɔhome Agya kokom'; Wɔte sɛ 'b'rɔnoma a Wannya homebea fam ha: Wotum' san kɔ 'daka nom', Kɔhome wɔ ɔdɛw mu
Verse 3
'Kra 'nigyefo 'yeyi sen Wɔ mmusu bon yi mu mpo; N-su pue wɔ sare so, Mana fi soro yɛn wɔn; Wonya 'hoɔden tu wɔn kwan, Bedu W'ahengua no ho, Hwe Wo nan ase som Wo Sɛ Wo na Woagye wɔn dwoo
Verse 4
'Wura, ma ensi me sa: Boa me bɔn' wiase yi mu; Fa me sie Wo gye dom mu; Ma minnya Wo nkyɛn trabea: Woye 'Wia ne akokyɛm, Mma me koma n-to kwan; 'Dom ne 'nuoyam fi Wo hɔ, O'Wura, hwie gu me so.