Twi No. N33
Nea Mewɔ Biara
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nea mewɔ biara, ma menyɛ Nokwar' dansefo mmaW', Wura; B're~a binom rep're dibea yi, Wura ma minni nokwar' ha.
Verse 2
Nea mewɔ yi, kwan nom' yɛ yaw, Nanso Wobɛn nti ɛyɛ~ara;Wɔn a wɔtwer' Wo nya 'home O, hyɛ me den ma menyɛ komm!
Verse 3
Sɛ Woky'rɛ me kwan kɔ aky'ri, Nea soro hann bi nhy'rɛn hɔ a, Ma menkɔka Kristo ho nsɛm Na mensa wɔn amanehun'.
Verse 4
Sɛ nso Woka sɛ mentra fie~a, Ma wɔnfa me nsiesie ɔkwan Mma wɔn a 'dwuma nti wɔagyaw wɔn fie, nnamfo ne~ade nyinaa.
Verse 5
Nea mewɔ yi, O, ma minnye 'Kra mmɔb'rɔfo bi mfi bɔnem'; 'Wura ma memfa animtew Ne W'ahoɔden mu denhyɛ nkɔ.