Twi No. N34
Fa w'ahoɔden ny'naa yɛ 'dwuma
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Fa w'ahoɔden ny'naa yɛ 'dwuma, Fa 'nigye yɛ w'Agya 'pɛde; ɛyɛ kwan a 'W'ra no faa so; ɛnsɛ sɛ Nakoa fa so bi
Verse 2
Yɛ adwuma; woremm'rɛ ngu Fam adehw'rew yɛ s'ro mfaso: Sɛ nnipa ntiew', nnɔw', nyiw ayɛ a 'W'ra n' bɛkamfo', nnipa yɛ dɛn
Verse 3
'Dekye wɔ hɔ yi yɛ 'dwuma; Wiase 'nadwo sum reba ntɛm; Yɛ w'dwuma ɔhare so; Wɔmfa anihaw nnye akra.
Verse 4
Kɔ so, ntɔ beraw, wɔn bɔ mpae; Yɛ 'badwemma, gye akra nkwa; Fi adi kɔ wiase mm'rɔn so, Hyɛ wɔn a wɔafom kwan bra fie.
Verse 5
Ma w'ani nnye w'adwuma yɛm'; ɔbrɛ akyi wɔ ɔhome; Wobɛte Ayef'rokun' nne Ɔdasu mu sɛ, “Hwɛ Maba!”