Twi No. N36
Hena wɔ 'Wura Fa?
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Hena wɔ 'Wura fa? Hena bɛsom No? Henanom bɛboa No Akɔgye akra? Hena begyaw wiase Atia tamfo no? Hena wɔ 'Wura 'fa Somafo wɔ he? Wo mmɔb'rɔhun' frɛ nti, Wo s'ro dom no nti, Yɛdɔm Awurade – Gyefo, yɛwɔ Wo.
Verse 2
'Nyɛ anuonyam kɛse, Anaa ahenkyɛw Nti na yɛkɔ sa no, To akodwom no; N'ɛyɛ 'dɔ a ɛfrɛ Kra a 'nti Owui: Nea Kristo frɛ no no, Sɛ N'afa gyina. Wo dɔ no hyɛ yɛn nti, Wo s'ro dom no nti, Yɛdɔm Awurade – Gyefo, yɛwɔ Wo.
Verse 3
Yesu Woatɔ yɛn de Yɛn ayɛ 'henkyɛw, Woamfa sikaa anaa Bota n'ɛtɔɔ yɛn, Mmom W'ankasa mogya! Wode Wo nhy'ra ma Nea ɔba Wo n-kyɛn Benya 'hofadi. Wo nkwagye kɛse nti, Wo s'ro dom no nti, Yɛdɔm Awurade – Gyefo, yɛwɔ Wo.
Verse 4
Ɔko no mu yɛ den, Tamfon' ho yɛ hu, Nso ɔhen' no dɔm de, Obi nni so da. Yehyia Ne frankaa ho~a Nkonimdi di mu! Ne nokwar' nsesa nti, Nkonim no y'ampa. Yɛde 'nigye ba nti, Wo s'ro dom no nti, Yɛdɔm Awurade – Gyefo, yɔwɛ Wo.