Twi No. N37
Yesu refrɛ wo bɔkɔɔ
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yesu refrɛ wo bɔkɔɔ sɛ bra fie, Ɔrefrɛ wo, refrɛ wo nnɛ; Dɛn nti na wufi ɔdɔ hann no ho Na worefom kwan kɔ yi?
Chorus
Ɔrefrɛ wo, refrɛ wo nnɛ- Yesu de nne bɔkɔɔ refrɛ wo, refrɛ wo nnɛ
Verse 2
Yesu frɛ 'brɛfo sɛ Ɔmmɔhome' Ɔrefrɛ wo, refrɛ wo nnɛ: Fa w'adesoa brɛ No n'Obegyiraw' Ɔrempam wo mfi Ne nkyɛn.
Verse 3
Yesu retwɛn wo, O, bra Ne nkyɛn nnɛ; Ɔretwɛn wo, retwɛn wo nnɛ, Fa wo bɔne bra bɛkoto N'anim; Bra, ntwentwɛn wo nan ase.
Verse 4
Yesu redi ma wo, O tie Ne nne, Tie Ne nne, tie Ne nne nnɛ, Wɔn a wɛgye No di ani bɛgye: Ka wo ho na sɔre kɔ.