Twi No. N42
Momfa Ntoso Du Ny'naa Mmra
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Muntie nea ky'rɛwsɛm aka tete no sɛ; “Momfa ntoso du ny'naa mmra koradanm'; Monyɛ no kronkronne a ɛka hɔ daa, Na montwer' Ne bɔhyɛ pa no.
Chorus
“Momfa ntoso du ny'naa mmra kora danm', Monsɔ Me nhwɛ: Yehowa n'Ose, Na Minhwie nhyira Me mma mo, Mma ɛmm'ro so a monnya korabea?”
Verse 2
Mopɛ sɛ muhu Honhon Kronkron tum' no? “Momfa ntoso du ny'naa mmra koradanm'; Mo ne No nni nkɔmmɔ berebiara mu, Na W'ama mo bɔhyɛ pa.
Verse 3
So b'ribi siw mo ne mo Wura ntam' kwan “Momfa ntoso du ny'naa mmra koradanm'”; Momfa mmra sɛnea W'ahyɛ bɔ no ara, Na Ɔbɛma mo nhyira pa.
Verse 4
Munhim nnwom pa ma ennyigye wɔ ewim, Mode ntoso du aba ɔdan mu 'I; Halleluya fi yɛn koma mu sɔre, 'Fisɛ yɛanya bɔhyɛ pa no.