Twi No. N43
Nyame a, Woyɛ anwanwade!
Normal
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Nyame a, Woyɛ anwanwade! W'akwan ky'rɛ Wo s'ro abodin; Nanso Wo dom faf'ri pii no Hy'rɛn b'ro W'anwanwade ny'naa so Hena n'ɔde bɔn' f'ri sɛ Wo? Hena n'ɔwɔ 'dom pii sɛ Wo?
Verse 2
Yɛde dɛw a enni kabea Gye yɛn Nyame nkyɛn fafiri, Amumɔyɛ biaram' faf'ri Faf'ri a Yesu mogya atɔ: Hena n'ɔde bɔn' f'ri sɛ Wo? Hena n'ɔwɔ 'dom pii sɛ Wo
Sheet music and MIDI playback are coming soon for this hymn.