Twi No. NG1
Yafun Mu Aba Ni
Normal
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Yafun mu aba ni, Woyi no Wo tumi so, Tumi bi ne Wo de nsɛ, Onyame, W'akwan yɛ hu.
Verse 2
Abofra ketewa yi, Wode na ama yɛn nnɛ, Fa ne koma yɛ Wo de, Ma onyin mmɛyɛ Wo de.
Verse 3
Fa no sie sɛ nhwiren, Na ompue ne bere mu, Fa no so yi Wo tumi, Ne W'anuonyam adi.
Verse 4
Ma W'abɔfo nwɛn no daa, Na ma W'ani nku ne ho; Pam bonsam firi ne ho; Yi no firi ɔhaw mu.
Verse 5
Dan' W'ani hwɛ~awofo yi, Ma wɛnyɔ nea~ɛsɛ W'ani; Ma wonyi nneyɛe pa~adi N-kyerɛ akɔkoaa yi.