Twi No. NG2
Ɔkwadwofo
Sheet Music
Not loaded automatically, to save data on a slow connection.
Asante Twi Lyrics
Verse 1
Ɔkwadwofo, kɔ tɛtea nkyɛn, hwɛ n'akwan, Hu nyansa, ɔno, ɔnni panin ne ɔhwɛfo; Nanso osiesie n'aduan' ahuhub'rem, Ɔboaboa n'aduane ano twabere mu, Wobɛda akɔsi da bɛn, ɔkwadwofo?
Verse 2
ɛnnɛ yɛ n-kwagye b're ma wo, 'kwadwofo, Yɛ ntɛm bɛka yɛn ho ma yɛnyɛ 'dwuma no; ɛnnɛ ne ɔdom ne nkwagye b're, Sɔre, na Agyenkwa Yesu refrɛ wo Wobɛda akosi da bɛn, ɔkwadwofo?
Verse 3
Abɔfo kronkron no rehwɛ nea woreyɛ, ɛyɛ hu ma wo sɛ wobɛsɛe (wo) bere kwa; Siesie wo ho na b're bi di w'anim reba. ɛbɛyɛ b're pa ama onipa sifo; Ɔdom ne nhyira bɛka 'kyi ana 'kwadwofo.
Verse 4
Hwɛ, sɛnea b're retwam kɔ hyewhyew, kwadwofo, Dɛn nti na woda so twɛn, ɔkwadwofo; B're nni wɔ wo, na woahoahoa wo ho, Wo b're ara ni, fa hyɛ Nyame anuonyam, Wobɛda akosi da bɛn, ɔkwadwofo?